Letra da Música: Nyame Ka Yɛn Ho - Alabaster Box

Esse letra de Alabaster Box já foi acessado por 120 pessoas.

Publicidade
Comente

Nana Nyame ka yɛn ho yi nti
Yɛnbɔ hu na yɛnsuro hwee
Ɔne yɛn kɔ na ɔne yɛn ba
Ɛfiri apueɛ kɔ si atɔɛ
Ɔrengyaw yɛn na ɔrenpaw yɛn da
Owu mu o, nkwa mu o
Ɔbɛtwitwa agye yɛn nkwa
Ɔbɛma yɛn ahu sɛ ɔne yɛn n’ɛwɔ hɔ
Y’abanbɔ nyinaa ne Awurade
Yɛ ne no nam a, yɛnsuro
W’ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔne yɛn n’ɛkɔ
Ɔne yɛn baa
Egy’Onyame
Egy’Onyame na ɔka yɛn ho
Ɔka yɛn ho daadaadaa
Ɔne yɛn kɔ na ɔne yɛn ba
Nkonimdi yɛ yɛn de daa
Ɔdomankoma wɔ y’afa yi nti
Obiara ntumi nko tia yɛn o
Y’akɔde nyinaa ne Awurade
Yɛ nam mpaebo ne nyamesom so
Yɛde y’asɛm nyinaa hyɛ ne nsa
Ɛfiri sɛ yɛnim sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn
Nea Nana Nyame n’ara aka sɛ ɔbɛyɛ no
Ɔbɛyɛ ama na aboro so
Ɔbɛyɛ ama na so yɛn mbo

Quer fazer uma correção nesta letra?





    Comentários (0) Postar um Comentário

    Nenhum comentário encontrado. Seja o primeiro!